Ghana National Anthem In Twi

| February 16, 2011 | 1 Comment

Ghana National Anthem In Twi. Learn how to recite Ghana National Anthem In Twi.
Teach your friends,family,sister,brothers and children about Ghana National Anthem.

Yεn ara asase ni,

Ɛyε aboɔden de ma yεn.

Mogya na nananom hwie gui,

Nya de too hɔ ma yεn.

Adu me ne wo nso so,

Sε yεbεyε bi atoa so.

Nimdeε ntraso, Nkoto-kranne

Ne apε-sε-me-nko-minya

Adi yεn bra mu dεm,

Ma yεn asase ho dɔ atom’ sεε.

Ɔman no, sε εbεyε yie o,

Ɔman no, sε εrenyε yie o,

Ɛyε nsεnnahɔ sε, Ɔmanfo bra na εkyerε.

Nhoma nimdeε huhugyan,

Anaa adenya ara kwa

Ne ɔbrakyew de εsεe ɔman,

Na εbɔ no ahohora

Asoɔmmerε ne obu pa,

Yɔnko yiyedi pε daa

Ahofama ntetekwaam’

Ma onipa biara yiyedi.

Ɛnonom na εde asomdwee ne nkɔso pa brε ɔman.

Ɔman no sε εbεyε yie o! Ɔman no sε εrenyε yie o!

Ɛyε nsεnnahɔ sε, Ɔmanfo bra na εkyerε.

Tags: , , , ,

Category: Ghana National Anthem In Twi

One comment on “Ghana National Anthem In Twi

  1. Natasha_asumda on said:

    Ghana Make Me Proud

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

*

HTML tags are not allowed.